Psalms 74

Ɔmannyina mpaebɔ

1O Onyankopɔn, adɛn nti na woagyaa yɛn mu saa?
Wo bo befuw wo nkurɔfo akosi wiase awiei?
2Kae wo nkurɔfo a wo ara wuyii wɔn mmere pii a atwam de wɔn fi nkoasom mu bɛyɛɛ wʼankasa wʼabusua no.
Kae Sion bepɔw a da bi hɔ na wote so no.
3Nantew fa saa amamfo yi so; yɛn atamfo na wɔasɛe biribiara a ɛwɔ asɔrefi hɔ.
4Wʼatamfo teɛm nkonim so wɔ wo fi hɔ.
Wɔasisi wɔn mfrankaa a ɛkyerɛ sɛ wɔadi nkonim.
5Wɔte sɛ nnipa nnuabufo a wɔde wɔn mmonnua bu nnua gu.
6Wɔde wɔn mmonnua ne wɔn nname sɛee mpongua no nyinaa.
7Wobubuu wo fi no, na wɔtoo mu gya.
Woguu faako a wɔsom wo hɔ no ho fi.
8Wɔpɛe sɛ anka wɔtɔre yɛn ase; wɔhyew mmeae kronkron a ɛwɔ asase no so nyinaa.
9Yɛn agyiraehyɛde kronkron no nyinaa kɔ.
Adiyifo nyinaa asa na obiara nnim nna ko a eyi bedi.
10O Onyankopɔn, wʼatamfo bɛserew wo akosi da bɛn?
Wɔbɛkasa atia wo din akosi daa daa?
11Adɛn nti na wompɛ sɛ woboa yɛn?
Adɛn na woabobɔw wo nsa agu wʼakyi?
12Nanso woyɛ yɛn hene fi mfitiase,
O Onyankopɔn.
Woagye yɛn nkwa mpɛn pii.
13Wonam wʼahoɔden tumi so kyɛɛ po mu abien, na wopɛtɛw nsu mu atweaseɛ ti.
14Wopɛtɛw bonsu ti na wode ne nam maa sare so mmoa wee.
15Womaa nsuwa ne nsuti teɛe na womaa nsu akɛse yoyoe.
16Wobɔɔ awia ne anadwo.
Wode owia ne ɔsram sii wɔn tenabea.
17Wokyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ asase ano kɔpem.
Wobɔɔ ahohuru ne awɔw.
18Nanso kae,
O Awurade, sɛ wʼatamfo serew wo sɛ woyɛ kronn nam so bu wo animtia.
19Nyaw wo nkurɔfo a wonni boafo no mma wɔn atamfo atirimɔdenfo no.
Mma wo werɛ mmfi nnipa a wɔtaa wo no!
20Kae apam a wo ne yɛn hyehyɛe no.
Basabasayɛ wɔ asase no tweaa so sum mu baabiara.
21Ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no anim ngu ase.
Ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo.
22Ma wo ho so,
Onyankopɔn, na yi wo ho adi!
Kae sɛ nnebɔneyɛfo serew wo daa nyinaa.
23Mma wo werɛ mmfi abufuw nteɛteɛm ne gyegyeegye a wʼatamfo yɛ no.
Copyright information for TwiNAK